Deuteronomy 25

1Sɛ akasakasa si nnipa bi ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asennii na atemmufo no nni asɛm no. Wobegyaa nea odi bem no na wɔatwe de odi fɔ no aso. 2Sɛ nea odi fɔ no fata sɛ wotwa no mmaa a, atemmufo no bɛma no ada hɔ na wɔatwa no mmaa dodow a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim. 3Nanso ɛnsɛ sɛ otemmufo no ma wotwa mmaa boro aduanan. Sɛ wotwa boro saa a, na wɔagu wo yɔnko Israelni anim ase wɔ wʼanim.

4Nkyekyere nantwi a ɔreporow atoko ano.

5Sɛ nuabarimanom baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafo no kɔware ɔhɔho. Mmom, ne kunu a wawu no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafo no ma ɔyɛ okunu nua no asɛde. 6Wɔde abakan a wɔbɛwo no no bɛto nʼagya a wawu no sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din rempepa mfi Israel.

7Na sɛ ɛba sɛ owufo no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbea no bɛkɔ kurow no mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano akɔka akyerɛ wɔn se, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrenyɛ okunu nua asɛde mma me.” 8Afei, ɔbarima no kurom mpanyimfo bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ose pene ara na ɔrempene nti ɔka se, “Mempɛ sɛ meware no a,” 9okunafo no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanyimfo no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔw ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasu agu nʼanim na waka se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.” 10Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefo wɔ Israel se Abusua a Wɔaworɔw wɔn Mpaboa.

11Sɛ Israelfo mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu nti, oso ɔbarima baako no barima mu a, 12ɛsɛ sɛ motwa ɔbea no nsa no a ahummɔbɔ biara nni mu.

13Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare. 14Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi. 15Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. 16Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.

17Monkae nea Amalekfo yɛɛ mo bere a mufi Misraim reba no. 18Wɔtow hyɛɛ mo so bere a moabrɛbrɛ na moatotɔ beraw no na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wonsuro Onyankopɔn. 19Awurade, mo Nyankopɔn no, ma mo ahomegye fi mo atamfo nyinaa nsam, wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapade no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfo na wɔankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfi eyi da!
Copyright information for TwiAKNA